-
Deuteronomium 28:54-57Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
54 “Ɔbarima a ne ho dwo na odwen nnipa ho mpo renhu ne nua ne ne yere a ɔdɔ no ne ne mma a wɔaka mmɔbɔ, 55 na esiane ahokyere ne nhyɛso a wo tamfo de bɛba wo nkurow no so nti, n’ano aduan bɛbɔ no+ ama wawe ne ba nam, na ɔremma obiara bi. 56 Na ɔbea a ne ho dwo a tirimdɛ nti ɔmpɛ sɛ ne nan bɛka fam no mpo+ renhu ne kunu a ɔdɔ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmea mmɔbɔ; 57 awo akyi ade a afi ne nan ntam aba ne ne mma a wawo wɔn no mpo, wɔrenyɛ no mmɔbɔ. Ɔbɛhyɛ kokoam awe efisɛ wo tamfo bɛka wo ahyɛ wo kurom ama wo ho akyere wo.
-