1 Beresosɛm 28:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɛnna Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kae sɛ: “Me nuanom ne me man, muntie me. Ná ɛda me koma so sɛ mesi ofi a ɛbɛyɛ homebea ama Yehowa apam adaka no na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiaso,+ na misiesiee me ho sɛ mesi.+ Dwom 132:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Momma yɛnkɔ ne fi;*+Momma yɛnkotow ne nan ntiaso anim.+ Yesaia 60:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn,+Ɔpopaw dua ne ɔsɛsɛ dua ne kwabɔhɔrɔ dua nyinaa bɛbom aba,+Na ɛbɛma me tenabea kronkron ayɛ fɛ;Mɛhyɛ baabi a me nan si no anuonyam.+
2 Ɛnna Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kae sɛ: “Me nuanom ne me man, muntie me. Ná ɛda me koma so sɛ mesi ofi a ɛbɛyɛ homebea ama Yehowa apam adaka no na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiaso,+ na misiesiee me ho sɛ mesi.+
13 Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn,+Ɔpopaw dua ne ɔsɛsɛ dua ne kwabɔhɔrɔ dua nyinaa bɛbom aba,+Na ɛbɛma me tenabea kronkron ayɛ fɛ;Mɛhyɛ baabi a me nan si no anuonyam.+