2 Mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo ama wo din ayɛ kɛse, na wobɛyɛ nhyira ama nkurɔfo.+3 Mehyira wɔn a wohyira wo, na mɛdome obiara a ɔdome wo,+ na ɔkwan biara so asaase so mmusua nyinaa nam wo so benya nhyira.”*+
12 Yehowa bebue ɔsoro adekoradan a nneɛma pa ahyɛ mu ma ama wo, na watɔ osu agu w’asaase so wɔ ne bere mu,+ na obehyira nea woyɛ nyinaa so. Wobɛma aman bebree bosea, na wo de, woremmɔ obiara hɔ bosea.+