17 “Edom bɛdan biribi a ɛyɛ hu,+ na obiara a obetwam wɔ hɔ no bɛtɛɛ n’anom ahwɛ no, na wadi ne ho fɛw, mmusu a ɛbɛba no so no nyinaa nti. 18 Sɛnea wobutuw Sodom ne Gomora ne ɛho nkurow no,”+ Yehowa asɛm ni, “saa ara na obiara rentena Edom, na onipa biara rensoɛ hɔ.+