Yesaia 51:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Yehowa bɛkyekye Sion werɛ.+ Ɔbɛkyekye ne nkurow a asɛe nyinaa werɛ,+Na ɔbɛma ne sare ayɛ sɛ Eden+Na n’asaase pradadaa ayɛ sɛ Yehowa turo.+ Anigye ne ahurusi,Aseda ne nnwom a ɛyɛ dɛ bɛyɛ no ma.+ Yeremia 30:18, 19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mereboaboa Yakob ntamadan mufo a wɔakyere wɔn kɔ no ano,+Na mehu ne ntamadan no mmɔbɔ. Wɔbɛsan akyekye kurow no asi ne bepɔw no so,+Na abantenten no bɛsan asi baabi a na esi no bio. 19 Na wɔbɛte aseda ne ɔserew wɔ wɔn mu.+ Mɛma wɔadɔɔso, na wɔrenyɛ kakraa bi;+Mɛma wɔayɛ bebree,*Na wɔrenyɛ ketewaa bi.+ Amos 9:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Me man Israelfo a wɔakyere wɔn kɔ no, mɛboaboa wɔn ano asan de wɔn aba,+Na wɔbɛsan akyekye nkurow a asɛe no, na wɔatena mu.+Wɔbɛyeyɛ bobe mfuw na wɔanom mu nsã,*+Na wɔbɛyeyɛ nturo na wɔadi mu nnuaba.’+
3 Yehowa bɛkyekye Sion werɛ.+ Ɔbɛkyekye ne nkurow a asɛe nyinaa werɛ,+Na ɔbɛma ne sare ayɛ sɛ Eden+Na n’asaase pradadaa ayɛ sɛ Yehowa turo.+ Anigye ne ahurusi,Aseda ne nnwom a ɛyɛ dɛ bɛyɛ no ma.+
18 Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mereboaboa Yakob ntamadan mufo a wɔakyere wɔn kɔ no ano,+Na mehu ne ntamadan no mmɔbɔ. Wɔbɛsan akyekye kurow no asi ne bepɔw no so,+Na abantenten no bɛsan asi baabi a na esi no bio. 19 Na wɔbɛte aseda ne ɔserew wɔ wɔn mu.+ Mɛma wɔadɔɔso, na wɔrenyɛ kakraa bi;+Mɛma wɔayɛ bebree,*Na wɔrenyɛ ketewaa bi.+
14 Me man Israelfo a wɔakyere wɔn kɔ no, mɛboaboa wɔn ano asan de wɔn aba,+Na wɔbɛsan akyekye nkurow a asɛe no, na wɔatena mu.+Wɔbɛyeyɛ bobe mfuw na wɔanom mu nsã,*+Na wɔbɛyeyɛ nturo na wɔadi mu nnuaba.’+