Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Leviticus 6:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 “‘Aduan afɔre no ho mmara ni:+ Aaron mma na ɛsɛ sɛ wɔde ba Yehowa anim wɔ afɔremuka no anim.

  • Leviticus 6:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Aaron ne ne mma nni nea ɛbɛka no.+ Wonni no sɛ paanoo a mmɔkaw* nnim wɔ beae a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ ahyiae ntamadan no adiwo.+

  • Leviticus 7:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 “‘Afodi afɔre no ho mmara ni:+ Ɛyɛ ade kronkron paa.

  • Leviticus 7:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Mmarima a wɔyɛ asɔfo no nyinaa tumi we bi.+ Ɛsɛ sɛ wɔwe wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. Ɛyɛ ade kronkron paa.+

  • Leviticus 10:12, 13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma a wɔaka, Eleasar ne Itamar sɛ: “Aduan afɔre a wɔde ogya hyew maa Yehowa no, momfa nea aka no ntõ paanoo a mmɔkaw* nnim, na munni wɔ afɔremuka no ho,+ efisɛ ɛyɛ ade kronkron paa.+ 13 Munni wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron,+ efisɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a efi afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no mu. Ɛno ne ahyɛde a me nsa kae.

  • Leviticus 24:8, 9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 Homeda biara ɔmfa mmesi Yehowa anim.+ Ɛyɛ apam a me ne Israelfo ayɛ de kosi daa. 9 Ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma dea,+ na ma wonni wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron,+ efisɛ ɛyɛ ade kronkron paa a efi afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no mu. Ɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa.”

  • Numeri 18:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Munni wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron paa.+ Ɔbarima biara betumi adi bi. Ɛbɛyɛ ade kronkron ama wo.+

  • Hesekiel 40:46
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 46 Adidibea a anim kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfo a afɔremuka no ho adwuma hyɛ wɔn nsa no dea.+ Wɔyɛ Sadok mma+ a wofi Lewi abusua mu. Wɔn na wɔmaa wɔn adwuma sɛ wɔmmra Yehowa anim mmɛsom.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena