Daniel 7:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “Mekɔɔ so hwɛe kosii sɛ wɔde nhengua sisii hɔ. Na Nea Ne Nna Akyɛ+ no bɛtenaa ase.+ Ná ne ntaade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne ti nwi te sɛ oguan nwi fitafita. N’ahengua yɛ ogyaframa; na ahengua no ntwahonan yɛ ogya a ɛredɛw brambrambram.+
9 “Mekɔɔ so hwɛe kosii sɛ wɔde nhengua sisii hɔ. Na Nea Ne Nna Akyɛ+ no bɛtenaa ase.+ Ná ne ntaade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne ti nwi te sɛ oguan nwi fitafita. N’ahengua yɛ ogyaframa; na ahengua no ntwahonan yɛ ogya a ɛredɛw brambrambram.+