-
Yeremia 29:31, 32Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
31 “Soma kɔka kyerɛ wɔn a wɔatu wɔn ase de wɔn kɔ no nyinaa sɛ, ‘Nea Yehowa aka wɔ Semaia a ofi Nehelam ho ni: “Esiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm bere a mensomaa no, na ɔyɛe sɛ ɔbɛma mode mo ho ato asɛm a ɛyɛ atoro so nti,+ 32 nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, meredan m’ani aba Semaia a ofi Nehelam ne n’asefo so. Ne busuani baako mpo renka ɔman yi mu, na ɔremfa n’ani nhu papa a mɛyɛ me man no,’ Yehowa asɛm ni, ‘efisɛ wahyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔntew atua ntia Yehowa.’”’”
-