15 Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania+ sɛ: “O Hanania, mepa wo kyɛw, tie! Yehowa nsomaa wo, nanso woama ɔman yi de wɔn ho ato asɛm a ɛyɛ atoro so.+ 16 Enti nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ! Mereyi wo afi asaase so. Afe yi, wubewu, efisɛ woahyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔntew atua ntia Yehowa.’”+