30 “Na wo, onipa ba, wo manfo rekeka wo ho nsɛm wɔ afasu ho ne afi apon ano.+ Obiara ka kyerɛ ne nua sɛ, ‘Mommra mmetie asɛm a efi Yehowa hɔ.’ 31 Wɔbɛboaboa wɔn ho ano abɛtenatena w’anim te sɛ me man; wɔbɛte wo nsɛm, nanso wɔrenni so.+ Wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛ wo, nanso wɔn koma di mfaso bɔne akyi.