Hesekiel 33:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Na wo, onipa ba, ka kyerɛ wo man mma sɛ, ‘Sɛ ɔtreneeni tew atua a, ne trenee no rentumi nnye no.+ Na sɛ ɔbɔnefo twe ne ho fi ne bɔne ho a, ne bɔne no remma ɔnhwe ase.+ Saa ara na da a ɔtreneeni bɛyɛ bɔne no, ne trenee no rentumi nnye no nkwa.+ Hesekiel 33:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 “Sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne a, nea wayɛ nti obewu.+ Hebrifo 10:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 Na “me treneeni de, gyidi na ɛbɛma wanya nkwa,”+ na “sɛ ɔsan n’akyi a, m’ani* rennye ne ho.”+ 2 Yohane 8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Monhwɛ yiye, na nea yɛayɛ adwuma anya no amfi mo nsa. Moyɛ saa a, mubenya akatua mu.+
12 “Na wo, onipa ba, ka kyerɛ wo man mma sɛ, ‘Sɛ ɔtreneeni tew atua a, ne trenee no rentumi nnye no.+ Na sɛ ɔbɔnefo twe ne ho fi ne bɔne ho a, ne bɔne no remma ɔnhwe ase.+ Saa ara na da a ɔtreneeni bɛyɛ bɔne no, ne trenee no rentumi nnye no nkwa.+