-
Adiyisɛm 10:9, 10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Na mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nhoma mmobɔwee ketewa no mma me. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Gye na di,+ na ɛbɛyɛ nwene wɔ wo yam, nanso w’anom de, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwo.” 10 Ɛnna migyee nhoma mmobɔwee ketewa no fii ɔbɔfo no nsam, na midii,+ na ɛyɛɛ fremfrem sɛ ɛwo wɔ m’anom;+ nanso midi wiei no, ɛyɛɛ nwene wɔ me yam.
-