3 Na mekae sɛ: “Mepa mo kyɛw, muntie, Yakob atitiriw
Ne Israel fi atumfo.+
Ɛnyɛ mo na anka ɛsɛ sɛ muhu nea ɛteɛ?
2 Nanso mukyi papa+ na modɔ bɔne;+
Moworɔw me nkurɔfo ho were, na mowae wɔn nnompe ho nam.+
3 Mowe me nkurɔfo honam nso,+
Na moworɔw wɔn were fi wɔn ho,
Mububu wɔn nnompe mu, na mutwitwa mu nketenkete,+
Te sɛ nnompe a wɔde gu dadesɛn mu noa, te sɛ nam a egu kwansɛn mu.