10Afei Saba hemmaa tee sɛnea Yehowa ama Solomon agye din.+ Enti ɔbae sɛ ɔde nsɛmmisa a ɛkyere adwene* rebɛsɔ no ahwɛ.+2 Ɔde dɔm kɛse*+ ne yoma a wɔsoso balsam ngo+ ne sika kɔkɔɔ pii ne aboɔden abo baa Yerusalem. Ɔbaa Solomon nkyɛn, na ɔde biribiara a ɛda ne koma so too ɔhene anim.