-
Hesekiel 28:12, 13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 “Onipa ba, to Tiro hene ho awerɛhow dwom,* na ka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
“Sɛ yɛka obi a ne biribiara di mu a, na ɛyɛ wo.
Ná nyansa ahyɛ wo ma,+ na w’ahoɔfɛ wie pɛyɛ.+
13 Ná wote Eden, Onyankopɔn turom.
Wɔde abohene nyinaa bi siesiee wo
—Abohene kɔkɔɔ, topas abohene, ahwehwɛbo, sikaberebo, abohene tuntum, abohene ahabammono, hoabo, nsrammabo,+ ne ahabammonobo;
Sika kɔkɔɔ na wɔde yɛɛ nsiase ne nsiso de abo yi nyinaa tetaree so.
Da a mebɔɔ wo no, saa da no na meyɛɛ ne nyinaa.
-