9 O Yehowa basa,+ nyan! Nyan!
Fa ahoɔden hyɛ!
Nyan te sɛ nea woyɛe tete no, te sɛ nea woyɛe awo ntoatoaso a atwam no mu no.
Ɛnyɛ wo na wububuu Rahab+ pasaa,
Na wode ade wɔɔ aboa kɛse a ɔda nsu mu no?+
10 Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo yowee, na nsu a emu dɔ mu nsu sae no?+
Ɛnyɛ wo na wopaee kwan too po ase maa wɔn a wɔagye wɔn no faa so twae?+