Leviticus 26:39 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 39 Mo bɔne nti, wɔn a wɔbɛka no bɛsɛe wɔ mo atamfo asaase so.+ Wɔn agyanom bɔne nti, wɔbɛsɛe.+ Yesaia 64:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Yɛn nyinaa abɛyɛ sɛ obi a ne ho ntew,Na adetrenee a yɛyɛ nyinaa te sɛ ntama a ɔbea yɛ bra a ɔde siesie ne ho.*+ Yɛn nyinaa betwintwam te sɛ ahaban,Na yɛn bɔne bɛsoa yɛn akɔ sɛ mframa. Hesekiel 24:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Mobɛbobɔ mo abotiri, na moahyehyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhow, na morensu. Mmom, mobɛporɔw atetew wɔ mo bɔne mu,+ na mubegu ahome akyerɛ mo ho mo ho.
6 Yɛn nyinaa abɛyɛ sɛ obi a ne ho ntew,Na adetrenee a yɛyɛ nyinaa te sɛ ntama a ɔbea yɛ bra a ɔde siesie ne ho.*+ Yɛn nyinaa betwintwam te sɛ ahaban,Na yɛn bɔne bɛsoa yɛn akɔ sɛ mframa.
23 Mobɛbobɔ mo abotiri, na moahyehyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhow, na morensu. Mmom, mobɛporɔw atetew wɔ mo bɔne mu,+ na mubegu ahome akyerɛ mo ho mo ho.