34 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Ná w’akoa rehwɛ ne papa nguan, na gyata+ bɛkyeree oguan ba fii nguankuw no mu, ɛnna da foforo nso, osisi bɛkyeree bi. 35 Mitiw wɔn kɔbɔɔ wɔn hwee hɔ, na miyii nguan no fii wɔn anom. Bere a wɔsɔre baa me so no, misoo wɔn nwi mu bɔɔ wɔn hwee hɔ kum wɔn.