1 Samuel 2:7, 8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Yehowa na ɔma onipa di hia, na ɔma onipa di yiye;+Ɔno na ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so.+ 8 Ɔma ɔbrɛfo so fi mfuturu mu,Na ɔma ohiani so fi sumina* so;+Ɔde no tena adehye mu,Na ɔhyɛ no anuonyam. Yehowa na asaase nnyinaso wɔ no,+Na ɔde asaase asi so. Dwom 75:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Onyankopɔn ne Ɔtemmufo.+ Ɔbrɛ obi ase, na ɔma obi so.+ Yeremia 27:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 ‘Me na mede m’ahoɔden kɛse ne me basa a mateɛ mu yɛɛ asaase ne nnipa ne mmoa a ɛwɔ asaase so, na mede ma obiara a mepɛ.*+ Daniel 4:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Awɛmfo na wɔde saa asɛm yi too gua,+ na akronkronfo na wɔhwɛ ma wɔde atemmu yi too gua, na ama ateasefo ahu sɛ Ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi,+ na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na onipa a wɔmfa no nyɛ hwee koraa no na ɔde no si so.”
7 Yehowa na ɔma onipa di hia, na ɔma onipa di yiye;+Ɔno na ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so.+ 8 Ɔma ɔbrɛfo so fi mfuturu mu,Na ɔma ohiani so fi sumina* so;+Ɔde no tena adehye mu,Na ɔhyɛ no anuonyam. Yehowa na asaase nnyinaso wɔ no,+Na ɔde asaase asi so.
5 ‘Me na mede m’ahoɔden kɛse ne me basa a mateɛ mu yɛɛ asaase ne nnipa ne mmoa a ɛwɔ asaase so, na mede ma obiara a mepɛ.*+
17 Awɛmfo na wɔde saa asɛm yi too gua,+ na akronkronfo na wɔhwɛ ma wɔde atemmu yi too gua, na ama ateasefo ahu sɛ Ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi,+ na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na onipa a wɔmfa no nyɛ hwee koraa no na ɔde no si so.”