Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Esra 9:6, 7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Na mekae sɛ: “O me Nyankopɔn, ɛyɛ me aniwu yɛ me fɛre mpo sɛ mɛma me ti so akyerɛ wo; O me Nyankopɔn, yɛn bɔne adɔɔso atra yɛn ti so, na yɛn asodi ayɛ kɛse akodu ɔsoro.+ 7 Efi yɛn agyanom bere so na yɛn bɔne adɔɔso+ abesi nnɛ da yi, na yɛn bɔne nti, wɔde yɛne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo ahyɛ asaase so ahemfo nsa, na yɛatotɔ sekan ano,+ wɔatu yɛn afi yɛn man mu,+ wɔafom yɛn nneɛma,+ na yɛn anim agu ase; eyinom nyinaa ato yɛn sɛnea nnɛ yɛn ani tua yi.+

  • Nehemia 9:26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden na wɔtew wo so atua,+ na wo Mmara nso wɔpowee.* W’adiyifo a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no, wokunkum wɔn, na wobuu wo animtiaa kɛse.+

  • Nehemia 9:33
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 33 Nea aba yɛn so nyinaa mu no, wudi bem efisɛ woadi nokware wɔ wo nneyɛe mu; yɛn na yɛayɛ bɔne.+

  • Dwom 106:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  6 Yɛayɛ bɔne te sɛ yɛn agyanom;+

      Yɛafom; yɛadi amumɔyɛsɛm.+

  • Kwadwom 3:42
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 42 “Yɛayɛ bɔne, na yɛatew atua,+ na woamfa ankyɛ.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena