Mmebusɛm 2:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Efisɛ Yehowa ankasa na ɔma nyansa,+Na n’anom na nimdeɛ ne nhumu fi ba. Ɔsɛnkafo 2:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Onipa a nokware Nyankopɔn no gye no tom no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigye.+ Na ɔbɔnefo de, adwuma a ɔde ama no ara ne sɛ ɔmmoaboa nneɛma ano mfa mma onipa a nokware Nyankopɔn no gye no tom no.+ Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.* Yakobo 1:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Enti sɛ mo mu bi hia nyansa a, ma ɔnkɔ so mmisa Onyankopɔn,+ na ɔde bɛma no,+ efisɛ oyi ne yam kyɛ nnipa nyinaa ade a animtiaabu* biara nnim.+
26 Onipa a nokware Nyankopɔn no gye no tom no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigye.+ Na ɔbɔnefo de, adwuma a ɔde ama no ara ne sɛ ɔmmoaboa nneɛma ano mfa mma onipa a nokware Nyankopɔn no gye no tom no.+ Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.*
5 Enti sɛ mo mu bi hia nyansa a, ma ɔnkɔ so mmisa Onyankopɔn,+ na ɔde bɛma no,+ efisɛ oyi ne yam kyɛ nnipa nyinaa ade a animtiaabu* biara nnim.+