-
Hebrifo 9:11, 12Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 Nanso, bere a Kristo bae sɛ nneɛma pa a aba dedaw no ho sɔfo panyin no, ɔfaa ntamadan a ɛso na ewie pɛyɛ sen kan de no mu. Saa ntamadan no, ɛnyɛ nsa na wɔde sii, kyerɛ sɛ, emfi adebɔ yi mu. 12 Ɔfaa mu kowuraa kronkronbea hɔ prɛko, na okonyaa nkwagye* a ɛwɔ hɔ daa maa yɛn.+ Nanso ɛnyɛ mpɔnkye ne anantwi* mogya na ɔde kɔɔ hɔ, na mmom ɔno ankasa ne mogya.+
-
-
Hebrifo 10:8-10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Odii kan kae sɛ: “Afɔre ne ayɛyɛde ne ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre de, w’ani ansɔ, na woampɛ”; eyinom yɛ afɔre a na Mmara no hwehwɛ. 9 Ɛnna afei ɔkae sɛ: “Hwɛ! Maba sɛ merebɛyɛ w’apɛde.”+ Oyii nea edi kan no fii hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde nea ɛto so abien no besi hɔ. 10 Saa ‘apɛde’ no+ na wɔnam so ama Yesu Kristo nipadua a wɔde mae prɛko no atew yɛn ho.+
-