-
Daniel 2:10, 11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 Ɛnna Kaldeafo no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Onipa biara nni asaase* so a obetumi ayɛ nea ɔhene reka yi, efisɛ ɔhenkɛse anaa amrado biara nni hɔ a wabisa biribi a ɛte sɛɛ afi ɔkɔmfo anaa nkonyaayifo anaa Kaldeani biara hɔ da. 11 Asɛm a ɔhene rebisa yi yɛ den, na obiara nni hɔ a obetumi aka asɛm yi akyerɛ ɔhene, gye anyame a wɔnte nnipa mu no.”*
-