29 “Sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra*+ nyinaa hwehwɛ Yehowa wo Nyankopɔn wɔ hɔ a, ɔkwan biara so wubehu no.+30 Sɛ wokɔ ahokyere mu na nsɛm yi nyinaa to wo daakye a, wobɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn abetie no.+
10 Saa bere no, wubetie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na woadi ne mmara ne n’ahyɛde a wɔakyerɛw wɔ Mmara nhoma yi mu no so, na wode wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa bɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn.+