15 “Nanso sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni ne mmara ne n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnde nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
13 Yehowa nam n’adiyifo ne adehufo no nyinaa so+ bɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ sɛ: “Montwe mo ho mfi mo akwammɔne ho!+ Afei me mmara nsɛm, m’ahyɛde, ne mmara a mede maa mo agyanom na menam me nkoa a wɔyɛ adiyifo no so de brɛɛ mo no nyinaa, munni so.”