32 Israel hene Remalia ba Peka ahenni afe a ɛto so abien mu no, Yuda hene Usia+ ba Yotam+ bedii hene. 33 Obedii ade no, na wadi mfe 25, na odii hene mfe 16 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yerusa, na na ɔyɛ Sadok babea.+ 34 Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so sɛnea ne papa Usia yɛe no.+