-
2 Ahene 16:1-3Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
16 Remalia ba Peka ahenni afe a ɛto so 17 mu no, Yuda hene Yotam ba Ahas+ bedii hene. 2 Ahas bedii hene no, na wadi mfe 20, na odii ade mfe 16 wɔ Yerusalem. Wanyɛ nea ɛteɛ wɔ ne Nyankopɔn Yehowa ani so sɛnea ne nana Dawid yɛe no.+ 3 Israel ahemfo akwan so na ɔfae.+ Afei nso, ɔhyew n’ankasa ba mpo wɔ ogya mu;*+ enti akyiwade a amanaman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim yɛe no,+ ɛno ara bi na ɔyɛe.
-