-
Esra 9:6, 7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
6 Na mekae sɛ: “O me Nyankopɔn, ɛyɛ me aniwu yɛ me fɛre mpo sɛ mɛma me ti so akyerɛ wo; O me Nyankopɔn, yɛn bɔne adɔɔso atra yɛn ti so, na yɛn asodi ayɛ kɛse akodu ɔsoro.+ 7 Efi yɛn agyanom bere so na yɛn bɔne adɔɔso+ abesi nnɛ da yi, na yɛn bɔne nti, wɔde yɛne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo ahyɛ asaase so ahemfo nsa, na yɛatotɔ sekan ano,+ wɔatu yɛn afi yɛn man mu,+ wɔafom yɛn nneɛma,+ na yɛn anim agu ase; eyinom nyinaa ato yɛn sɛnea nnɛ yɛn ani tua yi.+
-