Yesaia 30:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Na ɔbɛma osu atɔ agu w’aba a woadua wɔ asaase mu no so,+ na aduan a w’asaase bɛbɔ no bɛdɔɔso na ɛbɛmee wo.*+ Saa da no, wo mmoa benya asaase tɛtrɛɛ adidi so.+ Yesaia 51:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Yehowa bɛkyekye Sion werɛ.+ Ɔbɛkyekye ne nkurow a asɛe nyinaa werɛ,+Na ɔbɛma ne sare ayɛ sɛ Eden+Na n’asaase pradadaa ayɛ sɛ Yehowa turo.+ Anigye ne ahurusi,Aseda ne nnwom a ɛyɛ dɛ bɛyɛ no ma.+
23 Na ɔbɛma osu atɔ agu w’aba a woadua wɔ asaase mu no so,+ na aduan a w’asaase bɛbɔ no bɛdɔɔso na ɛbɛmee wo.*+ Saa da no, wo mmoa benya asaase tɛtrɛɛ adidi so.+
3 Yehowa bɛkyekye Sion werɛ.+ Ɔbɛkyekye ne nkurow a asɛe nyinaa werɛ,+Na ɔbɛma ne sare ayɛ sɛ Eden+Na n’asaase pradadaa ayɛ sɛ Yehowa turo.+ Anigye ne ahurusi,Aseda ne nnwom a ɛyɛ dɛ bɛyɛ no ma.+