Leviticus 19:35, 36 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 “‘Sɛ moresusuw biribi oo, morekari oo, morehyɛ oo, mommma nnaadaa mmma mu.+ 36 Sɛ mode nsenia,* nkaribo, anaa susukuruwa* resusuw ade a, momfa nea ɛyɛ pɛpɛɛpɛ nsusuw.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn a ɔde mo fi Egypt asaase so bae no. Hosea 12:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Atoro nsenia* wɔ oguadini nsam;Nsisi yɛ no dɛ.+ Mika 6:10, 11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Agyapade a wɔbɔɔ apoo nyae no, ebi da so wɔ abɔnefo fi anaa?Na efa susude* a wɔabɔ to a ɛyɛ abusude nso ɛ? 11 Sɛ mewɔ nsenia* a mede sisi nkurɔfo a, m’abrabɔ ho bɛtew* anaa?Na mewɔ kotoku a nsisi nkaribo wom nso a, m’abrabɔ ho bɛtew anaa?+
35 “‘Sɛ moresusuw biribi oo, morekari oo, morehyɛ oo, mommma nnaadaa mmma mu.+ 36 Sɛ mode nsenia,* nkaribo, anaa susukuruwa* resusuw ade a, momfa nea ɛyɛ pɛpɛɛpɛ nsusuw.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn a ɔde mo fi Egypt asaase so bae no.
10 Agyapade a wɔbɔɔ apoo nyae no, ebi da so wɔ abɔnefo fi anaa?Na efa susude* a wɔabɔ to a ɛyɛ abusude nso ɛ? 11 Sɛ mewɔ nsenia* a mede sisi nkurɔfo a, m’abrabɔ ho bɛtew* anaa?Na mewɔ kotoku a nsisi nkaribo wom nso a, m’abrabɔ ho bɛtew anaa?+