-
Hesekiel 25:12-14Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Edom tuaa Yuda fi so ka, na wɔnam so yɛɛ bɔne kɛse tiaa wɔn;+ 13 ɛno nti, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Me nso mɛteɛ me nsa wɔ Edom so, na metwa nnipa ne nyɛmmoa afi asaase no so, na mama ada mpan.+ Efi Teman kosi Dedan nyinaa, wobewuwu sekan ano.+ 14 ‘Na menam me man Israel nsa so betua Edomfo bɔne so ka.+ Wɔde m’abufuw ne m’anibere bɛba Edom so, na Edomfo behu sɛnea matua wɔn bɔne so ka,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”’
-