19 Baali* nsa ma ne paanoo sin nti mubegu me ho fĩ+ wɔ me man anim? Mo nkontomposɛm a me man tie nti, mukunkum wɔn* a ɛmfata sɛ wowu, na mokora wɔn* a ɛnsɛ sɛ wɔtena ase so.”’+
2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo. Hyɛ nkɔm na ka kyerɛ nguanhwɛfo no sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Israel nguanhwɛfo nnue!+ Nea ɛbɛkɔ wɔn yam nkutoo na ehia wɔn. Ɛnyɛ nguan no mmom na ɛsɛ sɛ nguanhwɛfo ma wɔn aduan?+