2 Awiei nna no mu no,
Yehowa fi bepɔw
Betim wɔ mmepɔw atifi,+
Na wɔbɛma so asen nkoko,
Na aman nyinaa bɛsen yuu akɔ hɔ.+
3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ:
“Mommra mma yɛmforo nkɔ Yehowa bepɔw so,
Nkɔ Yakob Nyankopɔn fi.+
Ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan,
Na yɛbɛnantew n’akwan so.”+
Na Sion na mmara befi,
Na Yerusalem na Yehowa asɛm befi.+
4 Obebu atɛn wɔ amanaman no mu,
Na obesiesie nsɛm ama aman pii.
Wɔde wɔn mfoa bɛyɛ nsɔw,
Na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi.+
Ɔman bi rentwe sekan wɔ ɔman bi so,
Na wɔrensua akodi bio.+