Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dwom 126:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 126 Bere a Yehowa boaboaa Sion nkurɔfo ano baa wɔn man mu bio no,+

      Ɛyɛɛ yɛn sɛ dae.

  • Yeremia 23:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 “Na mɛboaboa me nguan a aka no ano afi nsaase a mebɔɔ wɔn hwetee so+ no nyinaa so, na mɛsan de wɔn aba wɔn adidibea,+ na wɔbɛwo na wɔadɔɔso.+

  • Hesekiel 39:25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Afei de, mede Yakob asefo a wotuu wɔn kɔɔ aman foforo so no bɛsan aba,+ na mahu Israel fi nyinaa mmɔbɔ,+ na mede nsi bɛbɔ me din kronkron no ho ban.*+

  • Amos 9:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Me man Israelfo a wɔakyere wɔn kɔ no, mɛboaboa wɔn ano asan de wɔn aba,+

      Na wɔbɛsan akyekye nkurow a asɛe no, na wɔatena mu.+

      Wɔbɛyeyɛ bobe mfuw na wɔanom mu nsã,*+

      Na wɔbɛyeyɛ nturo na wɔadi mu nnuaba.’+

  • Mika 2:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 O, Yakob, mɛboaboa mo nyinaa ano:

      Mɛboaboa Israelfo a aka no nyinaa ano.+

      Mɛma wɔayɛ baako, te sɛ nguan a wɔwɔ nguammuw* mu,

      Te sɛ nguan a wɔwɔ adidibea;+

      Nnipa bɛbɔ ose wɔ hɔ.’+

  • Mika 4:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 O Sion babea, bu fa so na pene

      Te sɛ ɔbea a ɔrewo,

      Efisɛ seesei wubefi kurow mu akɔtena wuram.

      Wobɛkɔ ara akodu Babilon.+

      Na ɛhɔ na wobegye wo;+

      Ɛhɔ na Yehowa bɛtɔ wo afi w’atamfo nsam.+

  • Sefania 3:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Sɛ meboaboa mo ano saa bere no a,

      Saa bere no na mede mo bɛba.

      Na sɛ meboaboa mo nkurɔfo a wɔakyere wɔn kɔ no ano de wɔn brɛ mo a,

      Mɛma moagye din, na nkurɔfo ayi mo ayɛ+ wɔ asaase sofo nyinaa mu,” Yehowa na waka.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena