6 Mudua aba pii, nanso nnɔbae kakraa bi na mutwa.+ Mudidi, nanso mommee. Monom, nanso ɛnso mo. Mufura ntama, nanso mo ho nyɛ mo hyew. Ɔpaani de n’akatua gu kotoku a ase nyinaa atutu ntokuru mu.’”
10 Efisɛ ansa na saa bere no reba no, na akatua biara nni hɔ mma onipa ne aboa;+ na ɔtamfo no nti, na ɛyɛ hu ma nea ɔrekɔ ne nea ɔreba nyinaa, efisɛ memaa nnipa nyinaa tentan wɔn ho.’