-
Yeremia 50:4, 5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 “Saa nna no ne saa bere no,” Yehowa asɛm ni, “Israelfo ne Yudafo bɛbom aba.+ Wɔde osũ na ɛbɛnantew aba.+ Na wɔbɛbom ahwehwɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn no.+ 5 Wobebisa baabi a Sion kwan wɔ, na wɔde wɔn ani bɛkyerɛ hɔ+ aka sɛ, ‘Mommra mma yɛmfa yɛn ho nkɔbata Yehowa ho na yɛne no nyɛ daa apam a obiara werɛ remfi.’+
-