-
Hosea 1:10, 11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 “Na Israelfo* bɛdɔɔso te sɛ mpoano anwea a enni ano a wontumi nkan.+ Na baabi a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ me man ne mo’ no,+ ɛhɔ ara na wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn teasefo no mma.’+ 11 Na wɔbɛka Yudafo ne Israelfo abom ayɛ wɔn baako,+ na wobeyi baako adi wɔn anim na wɔafi asaase no so aba.* Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛse.+
-