54 “Obonin a wonwoe, di ahurusi!+
Wo a wontee awo yaw da,+ ma w’ani nnye na bɔ ose,+
Efisɛ ɔbea a wɔapo no no mma mmarima dɔɔso
Sen nea ɔwɔ kunu no de,”+ Yehowa asɛm ni.
2 “Trɛw wo ntamadan mu.+
Ma wo ntamadan kɛse no ntama mu ntrɛw.
Twe mu ara. Ma wo ntamadan nhama nyɛ atenten,
Na nnua a wode bɛbobɔ wo ntamadan mu atim fam no, ma emu nyɛ den.+