2 Yehosadak ba Yesua+ ne ne nuanom asɔfo no ne Sealtiel+ ba Serubabel+ ne ne nuanom sɔre kosii Israel Nyankopɔn afɔremuka no. Ná wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so sɛnea wɔakyerɛw wɔ nokware Nyankopɔn nipa Mose Mmara+ mu no.
1Ɔhene Dario ahenni afe a ɛto so abien, bosome a ɛto so asia no da a edi kan no, Yehowa faa odiyifo Hagai* so+ ka kyerɛɛ Sealtiel ba Serubabel+ a ɔyɛ Yuda amrado, ne Yehosadak ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panyin no sɛ: