-
Asomafo Nnwuma 10:37, 38Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
37 Munim nea wɔkaa ho asɛm wɔ Yudea nyinaa no, asɛm a efii ase wɔ Galilea+ bere a Yohane kaa asubɔ ho asɛm wiei no. 38 Asɛm no fa Yesu a ofi Nasaret no ho. Ɛne sɛ, Onyankopɔn de honhom kronkron+ ne tumi sraa no, na okyinkyin asaase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam ahyɛ wɔn so nyinaa yare,+ efisɛ na Onyankopɔn ka ne ho.+
-