9 Nanso mo de, moyɛ “abusua a wɔapaw mo, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron,+ nnipa a Onyankopɔn de mo ayɛ ɔno ara n’agyapade,+ sɛ monka” nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso+ mu no “nneyɛe pa* nkyerɛ.”+
12 Munkura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu,+ na sɛ wɔbɔ mo sobo sɛ moyɛ abɔnefo a, wobehu mo nnwuma pa adi ho adanse,+ na wɔnam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam ɛda a ɔbɛba abɛhwɛ sɛnea nneɛma te no.