-
Luka 11:9-13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Enti mereka akyerɛ mo sɛ, monkɔ so mmisa,+ na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo.+ 10 Efisɛ obiara a obisa no, ne nsa bɛka,+ na obiara a ɔhwehwɛ no, obehu, na obiara a ɔbɔ mu no, wobebue no. 11 Mo mu hena paa na ɔyɛ agya a sɛ ne ba bisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛhyɛ ne nsam na ɔremma no apataa?+ 12 Sɛ obisa no kosua nso a, ɔde akekantwɛre bɛhyɛ ne nsam anaa? 13 Enti sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma akyɛde pa a, ɛnde mo Agya a ɔwɔ soro no nso ɛ? Ɔde honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no no ama aboro so!”+
-