-
Luka 13:25-27Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
25 Na sɛ ofiwura no sɔre na ɔto pon no mu a, mubegyina abɔnten abɔ pon no mu aka sɛ, ‘Owura, bue yɛn.’+ Nanso ɔbɛka akyerɛ mo sɛ: ‘Minnim baabi a mufi.’ 26 Na mubefi ase aka sɛ, ‘Yedidii na yɛnomee wɔ w’anim, na wokyerɛkyerɛe wɔ yɛn mmɔnten so.’+ 27 Nanso ɔbɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Minnim baabi a mufi. Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ nyinaa!’
-