3 Ɔsɔfo no nkɔ asoɛe no akyi nkɔhwɛ kwatani no. Sɛ ɔsɔfo no hu sɛ ne ho atew a, 4 ɔsɔfo no mma ɔmfa nnomaa a wɔn ho tew abien, sida dua, hama kɔkɔɔ, ne sommɛ* a wɔde bɛtew ne ho mmra.+
19 “Ɔsɔfo no mmɔ bɔne ho afɔre+ no mfa mpata mma nea ɔretew ne ho no, na ɛno akyi no onkum aboa a ɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre no. 20 Afei ɔsɔfo no mmɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre+ no wɔ afɔremuka no so, na ɔsɔfo no mpata mma no+ na ne ho ntew.+