-
Marko 5:11-17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 Saa bere no, na mprako+ bebree redidi wɔ bepɔw no so.+ 12 Enti ahonhom no paa no kyɛw sɛ: “Ma yɛnkɔ mprako yi mu, na yenkowurawura wɔn mu.” 13 Na ɔmaa wɔn kwan. Ɛnna ahonhom fĩ no pue fii ɔbarima no mu, na wokowurawuraa mprako no mu; na mprako bɛyɛ 2,000 no de mmirika fii bepɔw no so koguu po no mu, na wowuwui wɔ po no mu. 14 Na wɔn a wɔhwɛ mprako no guanee, na wɔkɔbɔɔ amanneɛ wɔ kurow no mu ne ne nkuraase, na nkurɔfo ba bɛhwɛɛ nea asi no.+ 15 Enti wɔbaa Yesu nkyɛn, na wohuu ɔbarima a na ahonhommɔne wɔ no so no, nea na ɔwɔ asafodɔm no, sɛ ɔhyɛ ataade te hɔ a n’adwenem da hɔ, na ehu kaa wɔn. 16 Afei wɔn a wohui no kaa nea ɛtoo ɔbarima a na ahonhommɔne wɔ no so, ne nea ɛtoo mprako no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. 17 Enti wofii ase paa Yesu kyɛw sɛ omfi wɔn mpɔtam hɔ nkɔ.+
-