-
Marko 5:38-43Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
38 Enti wɔbaa hyiadan mu panyin no fi, na ohui sɛ ɛhɔ ayɛ gyegyeegye, na nnipa resu teɛteɛm.+ 39 Bere a Yesu wuraa mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresu na moreyɛ gyegyeegye? Abofra no nwui, na mmom wada.”+ 40 Ɔkaa saa no, wofii ase serew no. Ɛnna ɔpam wɔn nyinaa fii hɔ, na ɔfaa abofra no papa ne ne maame ne wɔn a wɔka ne ho no, na ɔkɔɔ baabi a abofra no wɔ no. 41 Ɛnna osoo abofra ketewa no nsa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Talita kuum,” a ɛkyerɛ sɛ: “Abeawa, mise wo sɛ, sɔre!”+ 42 Ɛhɔ ara na abeawa no sɔree, na ofii ase nantewee. (Ná wadi mfe 12.) Bere a ne papa ne ne maame hui no, wɔn ani gyei papaapa. 43 Na ɔbaraa wɔn tĩĩ mu sɛ* wɔnnka nnkyerɛ obiara,+ na ɔkae sɛ wɔmma abeawa no biribi nni.
-
-
Luka 8:52-56Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
52 Nanso na nkurɔfo resu abeawa no, na na wɔde awerɛhow repempem wɔn koko. Enti ɔkae sɛ: “Munnyae su,+ onwui na mmom wada.”+ 53 Ɔkaa saa no, wofii ase serew no, efisɛ na wonim sɛ wawu. 54 Ɛnna osoo abeawa no nsa, na ɔkae sɛ: “Abeawa, sɔre!”+ 55 Na nkwa*+ san baa ne mu, na ntɛm ara ɔsɔree.+ Na Yesu kae sɛ wɔmma abeawa no biribi nni. 56 Na n’awofo ani gye boroo so, nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnka nea asi no nnkyerɛ obiara.+
-