-
Luka 12:51-53Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
51 Ɛyɛ mo sɛ asomdwoe na mede baa asaase so anaa? Daabi. Mereka nokware akyerɛ mo, mpaapaemu mmom na mede bae.+ 52 Na efi saa bere yi rekɔ no, mpaapaemu bɛba nnipa baanum ntam wɔ ofi baako mu; baasa bɛsɔre atia baanu, na baanu asɔre atia baasa. 53 Wɔn mu bɛpaapae: Papa bɛsɔre atia ne babarima, na ɔbabarima asɔre atia ne papa, maame bɛsɔre atia ne babea, na ɔbabea asɔre atia ne maame, asebea bɛsɔre atia n’ase, na asew asɔre atia n’asebea.”+
-