5 Ɛnna Niniwefo no gyee Onyankopɔn dii,+ na wɔka ma wɔyɛɛ akɔnkyen,* na wofurafuraa awerɛhow ntama,* efi ɔkɛse so kosi akumaa so. 6 Bere a Niniwe hene tee asɛm no, ɔsɔre fii n’agua so yii n’ahentaade guu hɔ furaa awerɛhow ntama,* na ɔtenaa nsõ mu.
13 “Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ anwonwade a ɛkɔɔ so wɔ mo mu no, sɛ ɛkɔɔ so wɔ Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra afurafura awerɛhow ntama* atenatena nsõ mu dedaadaw.+