-
Marko 2:23-28Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
23 Afei bere a ɔnam hwiit afuw* mu Homeda no, n’asuafo no fii ase tetew* hwiit mmɛtem no bi.+ 24 Ɛnna Farisifo no bisaa no sɛ: “Hwɛ! Adɛn nti na wɔreyɛ nea mmara mma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda yi?” 25 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Dawid yɛe bere a n’aduan sae na ɔkɔm dee ɔne mmarima a wɔka ne ho no, monkenkanee da?+ 26 Ɔsɔfo panyin Abiatar+ ho kyerɛwtohɔ no ka sɛ, Dawid kɔɔ Onyankopɔn fi, na okodii paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim* no na ɔde bi nso maa wɔn a wɔka ne ho no. Ná mmara mma kwan sɛ obiara di bi, gye asɔfo no nko ara.+ Saa asɛm no, monkenkanee da?” 27 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onipa nti na Homeda bae,+ na ɛnyɛ Homeda nti na onipa bae. 28 Enti onipa Ba no, ɔno ne Homeda Wura.”+
-
-
Luka 6:1-5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
6 Bere bi, na ɔnam hwiit* afuw mu homeda, na n’asuafo no tetew* hwiit mmɛtem no bi,+ na wɔposae wɔ wɔn nsam+ wee. 2 Ɛnna Farisifo no bi bisae sɛ: “Adɛn nti na moreyɛ nea mmara mma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda+ yi?” 3 Na Yesu buaa wɔn sɛ: “Nea Dawid yɛe bere a ɔkɔm dee ɔne mmarima a wɔka ne ho no, monkenkanee da?+ 4 Dawid kɔɔ Onyankopɔn fi, na okogyee paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim* no; odii bi, na ɔde bi maa mmarima a wɔka ne ho no. Ná mmara mma kwan sɛ obiara di bi, gye asɔfo no nko ara.+ Saa asɛm no, monkenkanee da?” 5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onipa Ba no ne Homeda Wura.”+
-