Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Marko 6:21-29
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Da bi, ɔkwan bi bue maa Herodia. Saa bere no, na Herode redi n’awoda,+ enti ɔtow pon anwummere maa n’atitiriw ne n’asahene ne Galilea mpanyimfo.+ 22 Na Herodia babea bɛsawee, na ɛyɛɛ Herode ne wɔn a wɔne no redidi no fɛ. Na ɔhene no ka kyerɛɛ abeawa no sɛ: “Bisa me nea wopɛ biara, na mede bɛma wo.” 23 Yiw, ɔkaa ntam kyerɛɛ no sɛ: “Biribiara a wubebisa me no, mede bɛma wo. Sɛ ɛyɛ m’ahenni fã mpo a, mede bɛma wo.” 24 Enti ɔkɔe kobisaa ne maame sɛ: “Dɛn na mimmisa?” Ɔkae sɛ: “Osuboni Yohane ti.” 25 Ɛhɔ ara na ɔde mmirika kɔɔ ɔhene no nkyɛn, na ɔde n’adesrɛ too n’anim sɛ: “Mepɛ sɛ wode Yohane Suboni ti to apampaa so ma me seesei ara.”+ 26 Asɛm no haw ɔhene no paa, nanso esiane ntam a waka ne n’ahɔho* no nti, wampɛ sɛ obu n’ani gu abeawa no adesrɛ no so. 27 Enti ɛhɔ ara na ɔhene no somaa ɔwɛmfo,* na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa Yohane ti mmra. Na ɔkɔe kotwaa ne ti wɔ afiase hɔ, 28 na ɔde ne ti no too apampaa so bae. Na ɔde maa abeawa no, na abeawa no nso de kɔmaa ne maame. 29 Bere a Yohane asuafo no tee no, wɔba bɛfaa ne funu no kosiei wɔ ɔda mu.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena